1
Yohane 1:12
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AKNA
Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma
对照
探索 Yohane 1:12
2
Yohane 1:1
Ansa na wɔrebɛbɔ wiase no, na Asɛm no wɔ hɔ dedaw. Na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ. Na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
探索 Yohane 1:1
3
Yohane 1:5
Hann no hyerɛn wɔ sum mu a sum no ntumi nni hann no so.
探索 Yohane 1:5
4
Yohane 1:14
Asɛm no bɛyɛɛ onipa ne yɛn bɛtena ma yehuu nʼanuonyam sɛ ɔba koro a ofi Agya no nkyɛn a adom ne nokware ahyɛ no ma.
探索 Yohane 1:14
5
Yohane 1:3-4
Ɛnam ne so na wɔbɔɔ ade nyinaa. Wɔankwati no anyɛ biribiara. Ne mu na nkwa wɔ; na saa nkwa no na ɛma nnipa hann.
探索 Yohane 1:3-4
6
Yohane 1:29
Ade kyee a Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn no, ɔteɛɛ mu kae se, “Hwɛ, Onyankopɔn Guamma a oyi wiase bɔne kɔ no!
探索 Yohane 1:29
7
Yohane 1:10-11
Saa bere no na Asɛm no wɔ wiase. Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase de, nanso ɔbaa wiase no, wiase anhu no. Ɔbaa nʼankasa ne man mu, nanso ne manfo annye no anto mu.
探索 Yohane 1:10-11
8
Yohane 1:9
Saa hann yi ne nokware hann a ɛba wiase ma ɛhyerɛn nnipa nyinaa so no.
探索 Yohane 1:9
9
Yohane 1:17
Onyankopɔn nam Mose so de mmara maa yɛn, nanso ɛnam Yesu Kristo so na yenyaa adom ne nokware.
探索 Yohane 1:17
主页
圣经
计划
视频