Lewitikɔs NHYƐNMU
NHYƐNMU
Lewitikɔs ka Nyamesom ho nhyehyɛɛ ne ɛho mmara sɛdeɛ ɛteɛ wɔ tete Israelfoɔ mu no ho asɛm. Na ɛwɔ hɔ ma asɔfoɔ a na wɔhwɛ di saa ɔsom no ho nhyehyɛɛ ne mmara yi so no. Nwoma yi mu asɛm titire fa Onyankopɔn Kronkronyɛ ne akwan a ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ fa som de bɔ wɔn bra ama ɔne wɔn ntam ayɔnkofa no atena hɔ. Nsɛm titire a nnipa nim no yie koraa ne deɛ yɛhu wɔ Ti 19.18 mu no. Ɛno ne nsɛm a Yesu frɛɛ no mmara nsɛm kɛseɛ a ɛtɔ so mmienu no. Ɛno na ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no.
EMU NSƐM
Afɔrebɔ ahodoɔ ho mmara 1.1—7.38
Aaron ne ne mmammarima asɔfohyɛ 8.1—10.20
Mmara a ɛfa ahoteɛ ne deɛ ɛho nteɛ ho 11.1—15.33
Mpata Da 16.1-34
Asetena ne ɔsom mu kronkronyɛ ho mmara 17.1—27.34
Atualmente Selecionado:
Lewitikɔs NHYƐNMU: ASW
Destaque
Copiar
Comparar
Compartilhar
Quer salvar seus destaques em todos os seus dispositivos? Cadastre-se ou faça o login
The Bible Society of Ghana, 2012