1
Luka 23:34
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na Yesu kae sɛ: Agya, fa kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ! Na wɔtweee ntonto de kyɛɛ ne ntama mu.
ႏွိုင္းယွဥ္
Luka 23:34ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Luka 23:43
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.
Luka 23:43ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Luka 23:42
Na ɔkae sɛ: Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!
Luka 23:42ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Luka 23:46
Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu.
Luka 23:46ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Luka 23:33
Na woduu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea no, ɛhɔ na wɔsɛn no ne nnebɔneyɛfo no, obiako wɔ ne nifa, na obiako wɔ benkum.
Luka 23:33ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Luka 23:44-45
Na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia no, esum duruu asase nyinaa so de kosii dɔn a ɛto so akron. Na owia duruu sum; na asɔredan mu ntama a etwa mu no mfinimfini tewee.
Luka 23:44-45ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Luka 23:47
Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.
Luka 23:47ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား