1
Luka 22:42
KYERƐW KRONKRON
RATB
sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ.
ႏွိုင္းယွဥ္
Luka 22:42ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Luka 22:32
Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidi. Na wo de, sɛ daakye wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!
Luka 22:32ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Luka 22:19
Na ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.
Luka 22:19ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Luka 22:20
Saa ara nso na wowiee adidi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.
Luka 22:20ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Luka 22:44
Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.
Luka 22:44ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Luka 22:26
Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom.
Luka 22:26ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Luka 22:34
Na ose: Petro, meka mekyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woasan mprɛnsa sɛ wunnim me.
Luka 22:34ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား