1
Yohane 2:11
KYERƐW KRONKRON
RATB
Yesu nsɛnkyerɛnne no mu nea edi kan yi, ɔyɛe wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na oyii n’anuonyam kyerɛe; na n’asuafo no gyee no dii.
ႏွိုင္းယွဥ္
Yohane 2:11ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Yohane 2:4
Yesu see no sɛ: Ɔbea, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnui.
Yohane 2:4ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Yohane 2:7-8
Yesu see wɔn sɛ: Momfa nsu nhyehyɛ nhina yi mama! Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn. Na osee wɔn sɛ: Afei monsesaw mfa nkɔma adidiihwɛfo no!
Yohane 2:7-8ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Yohane 2:19
Yesu bua see wɔn sɛ: Munnwiriw asɔredan yi, na mede nnansa mɛma so bio.
Yohane 2:19ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Yohane 2:15-16
Na ɔde hama yɛɛ mpire pam wɔn nyinaa, nguan ne anantwi no fii asɔrefi hɔ, na ohwiee sikasesafo no sika gui, na ɔkaa apon no butubutuwii; na osee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ: Momfa eyinom mfi ha, monnyɛ m’Agya fi aguadi fi!
Yohane 2:15-16ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား