1
Yohane 1:12
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na dodow a wogyee no no, wɔn a wogye ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma
ႏွိုင္းယွဥ္
Yohane 1:12ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Yohane 1:1
Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn.
Yohane 1:1ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Yohane 1:5
na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni so.
Yohane 1:5ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Yohane 1:14
Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtenaa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro anuonyam, na adom ne nokware ayɛ no ma.
Yohane 1:14ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Yohane 1:3-4
Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe. Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann
Yohane 1:3-4ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Yohane 1:29
Ade kyee no, Yohane huu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ose: Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.
Yohane 1:29ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Yohane 1:10-11
Ɔwɔ wiase dedaw, na wɔnam no so na ɛyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. Ɔbaa n’ankasa ne de mu, na wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.
Yohane 1:10-11ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
8
Yohane 1:9
Nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no wɔ hɔ, na ɛno na ɛreba wiase yi.
Yohane 1:9ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
9
Yohane 1:17
Na mmara no de, wɔnam Mose so na ɛmae; na adom ne nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae.
Yohane 1:17ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား