Mateo Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Na Mateo yɛ ɔtowgyeni. Saa bere no mu na towgyefo tua sika bi a wɔatwa ama wɔn sɛ wontua mma Roma Aban, na wɔnam so anya tumi agye tow afi nnipa a wɔwɔ wɔn mansin mu no nkyɛn. Towgyefo no mu bebree bɔɔ wɔn nkurɔfo apoo nam so yɛɛ adefo. Esiane sɛ na saa towgyefo yi gye tow fi Yudafo nkyɛn de kɔma Roma Aban a na wobu no sɛ abosonsom aban no nti, na wobu wɔn sɛ nnebɔneyɛfo. Ɛno nti na nnipa bebree mpɛ towgyefo no asɛm. Nanso Yesu frɛɛ saa towgyefo yi mu baako a wɔfrɛ no Mateo no sɛ osuani. Bere a Mateo baa Yesu nkyɛn no nʼabrabɔ sakrae koraa. Ogyaw nʼahode nyinaa hɔ bedii Yesu akyi. Mateo si so dua wɔ saa nhoma yi mu se Yesu yɛ Agyenkwa a tete adiyifo no ahyɛ ne ho nkɔm no.
Emu Nsɛm
Yesu awo ne ne mmofraase (1.1–2.23)
Yesu fi nʼasɛnka ase (3.1–4.25)
Bepɔw so asɛnka (5.1–7.29)
Yesu sa nnipa ahorow yare (8.1–9.34)
Yesu soma asuafo dumien no (9.35–10.42)
Yesu kyerɛ onipa ko a ɔyɛ (11.1–12.50)
Onyankopɔn Ahenni ho mmebu (13.1-52)
Wɔpo Yesu na wotwa Yohane ti (13.53–14.12)
Yesu fi Herode asase so (14.13–17.27)
Yesu kyerɛkyerɛ fa ahobrɛase ne bɔnefakyɛ ho (18.1-35)
Yesu kɔ Yerusalem (19.1–20.34)
Yesu Homeda a odi twaa to wɔ Yerusalem (21.1–28.10)
Owusɔre akyi (28.11-20)

선택된 구절:

Mateo Nhyɛnmu: AKNA

하이라이트

공유

복사

None

모든 기기에 하이라이트를 저장하고 싶으신가요? 회원가입 혹은 로그인하세요

YouVersion은 여러분의 경험을 개인화하기 위해 쿠키를 사용합니다. 저희 웹사이트를 사용함으로써 여러분은 저희의 개인 정보 보호 정책에 설명된 쿠키 사용에 동의하게 됩니다