Mateo 4

4
Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ
1Eyi akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ sare so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no. 3Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”
4Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ ”
5Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, 6na ɔka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huruw fi nea wugyina hɔ si fam, efisɛ, wɔakyerɛw se,
“ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abeso wo mu,
wɔde wɔn nsa bɛma wo so,
na wo nan ampem ɔbo.’ ”
7Yesu buaa bio se, “Wɔakyerɛw se, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ”
8Eyi akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔw tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no wiase ahenni ahorow ne mu anuonyam nyinaa. 9Afei ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Sɛ wobɛkotow asom me a, mede nea wuhu yi nyinaa bɛma wo.”
10Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”
11Yesu ano sii no, ɔbonsam gyaw no hɔ kɔe. Ɛno akyi no abɔfo baa Yesu nkyɛn bɛsom no.
Yesu Fi Nʼadwuma Ase Wɔ Galilea
12Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13Oduu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom otwaa mu wɔ Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so. 14Eyi maa nea Odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ,
15“Sebulon asase ne Naftali asase,
ɛpo kwan so, Yordan agya,
Galilea a amanamanmufo te hɔ,
16nnipa a wɔte sum mu no,
Hann kɛse bi apue ama wɔn.
Hann no apue ama
wɔn a wɔte owu asase so.”
17Efi saa bere no, Yesu fii nʼasɛnka ase se, “Monsakra mo adwene, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahenni no abɛn.”
Yesu Frɛ Asuafo Baanan
18Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. 19Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi na mɛsoma mo ama moakoyi nnipa kra.” 20Ɛhɔ ara wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi ne no kɔe.
21Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. 22Ntɛm ara, wogyaw wɔn agya ne ɔkorow no hɔ kodii nʼakyi.
Galilea Asɛnka Ne Ayaresa
23Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahenni no ho asɛmpa wɔ Yudafo hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahorow a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. 24Yesu anwonwade a ɔyɛe yi trɛw koduu Siriaman mu nyinaa. Eyi ma wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wotwa, wɔn a wɔyare mmubui ne wɔn a nyarewa ahorow haw wɔn no nyinaa fi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 25Anwonwade a Yesu yɛɛ yi maa nnipakuw a wofi Galilea ne nkurow “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.

선택된 구절:

Mateo 4: AKNA

하이라이트

공유

복사

None

모든 기기에 하이라이트를 저장하고 싶으신가요? 회원가입 혹은 로그인하세요

YouVersion은 여러분의 경험을 개인화하기 위해 쿠키를 사용합니다. 저희 웹사이트를 사용함으로써 여러분은 저희의 개인 정보 보호 정책에 설명된 쿠키 사용에 동의하게 됩니다