1 Mose Nhyɛnmu

Nhyɛnmu
Gyenesis ase ne mfiase. Ɛno na na ebuebue wiase atetesɛm mfiase no mu. Ɛma yehu nnipa abakɔsɛm mu. Ɛma yehu abusua abɔse mu. Saa ara na ɛboa ma yɛn nkɔso wɔ yɛn nkwagye mu. Ɛyɛ Onyankopɔn botae anaa ne nhyehyɛe a ɔfaa so de adebɔ bae. Ɛda Onyankopɔn su adi sɛ Ɔyɛfo, Ɔboafo, Ɔtreneeni, Otemmufo ne Ogyefo. Ɛda onipa mudi ne anuonyam a Onyankopɔn de bɔɔ no nso adi.
Wɔakyɛ Gyenesis nhoma no mu abien:
Ɔfa a edi kan yɛ ti a edi kan kosi ti dubaako a ɛka sɛnea wɔbɔɔ wiase ne adesamma fi Adam so kosi Babel Abantenten ho abakɔsɛm so.
Ɔfa a ɛto so abien yɛ ti dumien kosi ti aduonum a ɛka tete Israelfo ho asɛm; efi Abraham, Isak, Yakob ne ne mmabarima dumien no kosi sɛnea ɛnam Yosef so ma wɔkɔtenaa Misraim asase so no ho asɛm.
Emu Nsɛm
a. Adebɔ Ho Asɛm (1.1–2.3)
b. Adam Ho Asɛm (2.17–5.32)
d. Noa Ho Asɛm (6.8–11.32)
e. Abraham Ho Asɛm (12.1–25.18)
f. Isak Ho Asɛm (25.19–28.9)
g. Yakob Ho Asɛm (28.10–36.43)
h. Yosef Ho Asɛm (37.1–50.26)

선택된 구절:

1 Mose Nhyɛnmu: AKNA

하이라이트

공유

복사

None

모든 기기에 하이라이트를 저장하고 싶으신가요? 회원가입 혹은 로그인하세요

YouVersion은 여러분의 경험을 개인화하기 위해 쿠키를 사용합니다. 저희 웹사이트를 사용함으로써 여러분은 저희의 개인 정보 보호 정책에 설명된 쿠키 사용에 동의하게 됩니다