YouVersion 標識
搜索圖示

Yohane Nnianimu

Nnianimu
Yohane a ɔtwerɛɛ nsɛmpa no mu deɛ ɛtɔ so nan no yɛ Yudani a nʼagya edin de Sebedeo. Na Yohane yɛ ɔfareni. Saa Yohane korɔ yi ara na ɔtwerɛɛ Yohane nwoma a ɛdi ɛkan, deɛ ɛtɔ so mmienu, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa ne Adiyisɛm no. Na ɔyɛ Yesu asuafoɔ no mu baako a na ɔbɛn no pɛɛ wɔ ne mfeɛ mmiɛnsa adwumayɛ no mu. Yei enti, na ɔnim Yesu yie; ɔhunuu nʼanwanwadwuma. Afei, na ɔnim tia a na Yesu tia Yudafoɔ mpanin no. Na ɔnim, na ɔtwerɛ faa Yesu ho sɛ ɔyɛ onipa ne Onyankopɔn. Na deɛ ɛka ho ne sɛ, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba korɔ ne wiase Agyenkwa sɛdeɛ ɔno ankasa aka no.
Emu Nsɛm
Nnianimu, (1.1-51)
Yesu adwumayɛ, nsɛnkyerɛnneɛ nson no (2.1–12.50)
Yesu ntetemu nsɛm (13.1–17.26)
Wɔkyere Yesu, di nʼasɛm, bɔ no asɛnnua mu (18.1–19.37)
Yesu sie ne ne Wusɔreɛ (19.38–20.31)
Nsɛm a ɛtwa toɔ (21.1-25)

目前選定:

Yohane Nnianimu: ASNA

醒目顯示

分享

複製

None

想要在所有設備上保存你的醒目顯示嗎? 註冊或登入