1
Gyenesis 3:6
KYERƐW KRONKRON
ATWDB
Na ɔbea no hui sɛ dua no ye sɛ wodi, na ɛyɛ aniwa fɛ, na dua no dɔ kɔn na ɛbɛtew ani no, ɔtew n'aba no bi, na odii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na odii.
موازنہ
تلاش Gyenesis 3:6
2
Gyenesis 3:1
Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na obisaa ɔbea no sɛ: Ampa sɛ Nyankopɔn aka sɛ Munnni turom ha nnua nyinaa bi?
تلاش Gyenesis 3:1
3
Gyenesis 3:15
Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.
تلاش Gyenesis 3:15
4
Gyenesis 3:16
Ɔbea no de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔdɔ na mɛma wo yaw ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Ɛyaw mu na wobɛwo mma, na w'ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.
تلاش Gyenesis 3:16
5
Gyenesis 3:19
W'anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.
تلاش Gyenesis 3:19
6
Gyenesis 3:17
Na Adam de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nni no bi nti, wo nti wɔadome asase. Ɛyaw mu na wubedidi so, wo nkwa nna nyinaa
تلاش Gyenesis 3:17
7
Gyenesis 3:11
Na ɔkae sɛ: Hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagyaw? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bi no na woadi yi?
تلاش Gyenesis 3:11
8
Gyenesis 3:24
Na ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne gyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛkɔ nkwa dua no ho no.
تلاش Gyenesis 3:24
9
Gyenesis 3:20
Na Adam too ne yere din Hawa, efisɛ ɔno na wayɛ ateasefo nyinaa na.
تلاش Gyenesis 3:20
صفحہ اول
بائبل
مطالعاتی منصوبہ
Videos