Yohane 1

1
Asɛm no bɛyɛɛ honam
1 # 1 Yoh 1.1-2; Yoh 17.5; Adi 19.13 Mfitiaseɛ no, na Asɛm#1.1 ASƐM yɛ nkyerɛaseɛ baako a ɛfiri Hela kasa LƆGƆS mu. Hela kasa yi ase kyerɛ yɛ kyerɛ na, nanso NKWA FAREBAE ne deɛ ɛbɛn Hela kasa LƆGƆS no yie wɔ Yohane Asɛmpa no mu. no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no ara ne Nyankopɔn. 2#Mmb 8.22 Ɔno ara na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3#Kol 1.16-17; Heb 1.2 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ. 4#Yoh 5.26 Ne mu na nkwa wɔ, na nkwa no ne nnipa hann; 5#Yoh 3.19 na hann no hyerɛn esum mu, na esum no anni no so.
6 # Luk 1.13-17; 1.57-80; Mat 3.1 Onipa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn somaa no a ne din de Yohane. 7Ɔno na ɔbaa adansedie sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ, na nnipa nyinaa nam ne so agye adi. 8#Yoh 1.20 Ɛnyɛ ɔno ne hann no, na mmom ɔbaa sɛ ɔrebɛdi hann no ho adanseɛ. 9Nokorɛ hann a ɛhyerɛn ma onipa biara no na ɛreba wiase yi. 10#Yoh 1.3-5 Ɔwɔ wiase dada, na ɛnam ne so na wɔyɛɛ wiase; nanso wiase anhu no. 11Ɔbaa ɔno ara ne deɛ mu, na wɔn a wɔyɛ ɔno ara ne deɛ annye no. 12#Gal 3.26 Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgyee ne din diiɛ no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma 13#Yoh 3.5-6 a ɛmfiri mogya anaasɛ deɛ ɔhonam pɛ anaasɛ deɛ ɔbarima pɛ mu, na mmom ɛfiri Nyankopɔn mu na wɔwoo wɔn.
14 # 1 Ti 3.16; Heb 2.14; Yes 7.14; 2 Pe 1.16-17 Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma. 15#Yoh 1.27; 1.30 (Yohane dii ne ho adanseɛ na ɔteaa mu sɛ: Oyi ne deɛ mekaa sɛ: Deɛ ɔdi m’akyiri reba no, ɔkyɛne me, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba.) 16#Yoh 3.34; Kol 1.19 Na ɛfiri ne mayɛ no mu na yɛn nyinaa anya adom de abɔ adom soɔ. 17#Rom 10.4 Na mmara no deɛ, wɔnam Mose so na ɛmaeɛ; na adom ne nokorɛ no deɛ, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbaeɛ. 18#Yoh 6.46; 1 Yoh 4.12; Mat 11.27 Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.
19 # Luk 3.15-16 Yei ne Yohane adanseɛ ɛberɛ a Yudafoɔ somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: Woyɛ hwan no. 20Na ɔpaee mu kae, na wansane; na ɔpaee mu kaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no. 21#Mat 17.10; Deut 18.15 Na wɔbisaa no sɛ: Ɛnneɛ na hwan ne wo? Wone Elia? Na ɔse: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifoɔ no? Na ɔbuaa sɛ: Dabi. 22Ɛnna wɔsee no sɛ: Hwan ne wo? Na yɛnnya bi nkɔbua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn? 23#Yes 40.3; Mat 3.3; Mar 1.3; Luk 3.4 Ɔse:
Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ:
Montene Awurade kwan!
sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.
24Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no firi Farisifoɔ mu. 25Na wɔbisaa no sɛ: Sɛ wonyɛ Kristo no, anaa Elia anaa odiyifoɔ no a, ɛnneɛ adɛn nti na wobɔ asu yi? 26#Mat 3.11; Mar 1.7-8 Yohane buaa wɔn sɛ: Me deɛ, mebɔ asu nsuo mu, na obi a monni no gyina mo mfimfini. 27#Yoh 1.15 Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo. 28Yeinom sii wɔ Betania, Yordan agya nohoa, faako a Yohane rebɔ asu hɔ.
Nyankopɔn adwammaa no
29 # Yoh 1.36; Yes 53.7 Adeɛ kyeeɛ no, Yohane hunuu Yesu sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔse: Hwɛ Nyankopɔn adwammaa a ɔyi wiase bɔne korɔ no nie. 30#Yoh 1.15, 27 Oyi ne deɛ mekaa wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyiri reba a ɔkyɛne me mpo, ɛfiri sɛ ɔdii m’anim kan. 31Na me deɛ, anka mennim no; na sɛ wɔbɛyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsuo mu. 32#Mat 3.16; Mar 1.10; Luk 3.22 Na Yohane dii adanseɛ sɛ: Mehunuu Honhom no sɛ ɔfiri soro resiane sɛ aburuburo, na ɔbɛtenaa ne so. 33#Luk 3.2 Na me deɛ, anka mennim no, na deɛ ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsuo mu no, ɔno na ɔsee me sɛ: Deɛ wobɛhunu sɛ Honhom no resiane abɛtena ne soɔ no, ɔno ne deɛ ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. 34Na mahunu na madi adanseɛ sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.
Yohane asuafoɔ baanu dane Yesu asuafoɔ
35Adeɛ kyee bio no, na Yohane ne n’asuafoɔ mu baanu gyina hɔ. 36#Yoh 1.29 Na ɔhunuu Yesu a ɔnenam hɔ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn adwammaa no nie! 37Na asuafoɔ baanu no tee sɛ ɔrekasa, na wɔkɔdii Yesu akyi. 38Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ? 39Ɔsee wɔn sɛ: Mommra mmɛhwɛ! Enti wɔkɔe, na wɔkɔhunuu faako a ɔteɛ; na wɔtenaa ne nkyɛn ɛda no; na ɛbɛyɛ sɛ anwummerɛ nnɔnnan. 40Andrea, Simon Petro nua, yɛ baanu no a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wɔdii n’akyire no mu baako. 41Ɔno na ɔhunuu ɔno ara ne nua Simon kane, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛahunu Mesaia (ne nkyerɛaseɛ ne Kristo) no. 42#1 Sa 2.10; Dwom 2.2 Na ɔde no baa Yesu nkyɛn. Na Yesu hunuu no no, ɔkaa sɛ: Wone Simon, Yohane ba, wɔbɛfrɛ wo Kefa (ne nkyerɛaseɛ ne Petro).
Filipo ne Natanael
43 # Mat 16.18 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu pɛɛ sɛ ɔfiri hɔ kɔ Galilea; na ɔhunuu Filipo. Na Yesu see no sɛ: Di m’akyi! 44Nso Filipo firi Betsaida, Andrea ne Petro kuro mu. 45#Deut 18.18; Yes 7.14; 53.2; Yer 23.5; Hes 34.23 Filipo hunuu Natanael, na ɔsee no sɛ: Deɛ Mose, wɔ mmara no mu ne adiyifoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, Yosef ba a ɔfiri Nasaret no. 46Na Natanael see no sɛ: Biribi pa bi bɛtumi afiri Nasaret da? Filipo see no sɛ: Bra bɛhwɛ! 47#Yoh 7.41 Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba ne nkyɛn, na ɔkaa wɔ ne ho sɛ: Hwɛ, nokorɛ Israelni a nnaadaa nni ne mu nie! 48Natanael see no sɛ: Ɛdeɛn na wode hunuu me? Yesu bua see no sɛ: Filipo nnya mfrɛɛ woɔ, a na wowɔ borɔdɔma no aseɛ no na mehunuu woɔ. 49Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no! 50#2 Sa 7.14; Dwom 2.7; Yoh 6.69; Mat 14.33; 16.16 Yesu bua see no sɛ: Ɛsiane sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo borɔdɔma no aseɛ no nti na ɛma wogye die yi anaa? Wobɛhunu nnoɔma akɛseɛ a ɛsene yeinom. 51#Gye 28.12 Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.

Seçili Olanlar:

Yohane 1: ASWDC

Vurgu

Paylaş

Kopyala

None

Önemli anlarınızın tüm cihazlarınıza kaydedilmesini mi istiyorsunuz? Kayıt olun ya da giriş yapın

YouVersion, deneyiminizi kişiselleştirmek için tanımlama bilgileri kullanır. Web sitemizi kullanarak, Gizlilik Politikamızda açıklandığı şekilde çerez kullanımımızı kabul etmiş olursunuz