1
Yohane 14:27
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Asomdwoeɛ na mede megya mo, m’asomdwoeɛ na mede mema mo; ɛnyɛ sɛdeɛ wiase ma na mema mo. Mommma mo akoma nntutu, nso mommma no mmmɔ mo hu.
Karşılaştır
Yohane 14:27 keşfedin
2
Yohane 14:6
Yesu see no sɛ: Mene kwan no, nokorɛ no ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.
Yohane 14:6 keşfedin
3
Yohane 14:1
Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni.
Yohane 14:1 keşfedin
4
Yohane 14:26
na Okyigyinafoɔ a ɔno ne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ mo nnoɔma nyinaa, na ɔbɛkae mo deɛ maka akyerɛ mo no nyinaa.
Yohane 14:26 keşfedin
5
Yohane 14:21
Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno ne deɛ ɔdɔ me; na deɛ ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.
Yohane 14:21 keşfedin
6
Yohane 14:16-17
Na me deɛ, mɛbisa Agya no, na wama mo Okyigyinafoɔ foforɔ, na ɔne mo abɛtena daa, nokorɛ Honhom a wiase ntumi nnye no no, ɛfiri sɛ ɛnhu no, nanso ɛnnim no; na mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.
Yohane 14:16-17 keşfedin
7
Yohane 14:13-14
Na biribiara a mobɛsrɛ no me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya animuonyam, Ɔba no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me deɛ, mɛyɛ.
Yohane 14:13-14 keşfedin
8
Yohane 14:15
Sɛ modɔ me a, monni m’ahyɛdeɛ so!
Yohane 14:15 keşfedin
9
Yohane 14:2
Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo?
Yohane 14:2 keşfedin
10
Yohane 14:3
Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ me ara me nkyɛn, na deɛ mewɔ no, mo nso moaba hɔ.
Yohane 14:3 keşfedin
11
Yohane 14:5
Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?
Yohane 14:5 keşfedin