1
Romafo 7:25
KYERƐW KRONKRON
RATB
Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnne afei me ara mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara.
ႏွိုင္းယွဥ္
Romafo 7:25ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Romafo 7:18
Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, efisɛ papa ho pɛ de, ɛwɔ me mu, na mmom sɛnea mɛyɛ no de, mentumi.
Romafo 7:18ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Romafo 7:19
Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.
Romafo 7:19ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Romafo 7:20
Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnne ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.
Romafo 7:20ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Romafo 7:21-22
Ɛnne mihu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me mu. Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho
Romafo 7:21-22ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Romafo 7:16
Na sɛ nea mempɛ no na meyɛ a, ɛnne mepene so sɛ mmara no ye.
Romafo 7:16ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား