1
Romafo 5:8
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.
ႏွိုင္းယွဥ္
Romafo 5:8ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Romafo 5:5
Na anidaso nhyɛ aniwu, efisɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn komam.
Romafo 5:5ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Romafo 5:3-4
Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba, na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu de anidaso ba.
Romafo 5:3-4ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Romafo 5:1-2
Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe; ɔno nso na yɛnam de gyidi anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso mu.
Romafo 5:1-2ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Romafo 5:6
Na yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo.
Romafo 5:6ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Romafo 5:9
Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu.
Romafo 5:9ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Romafo 5:19
Na sɛnea nnipa bebree no nam onipa biako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfo no, sɛ nso bebree no nam obiakofo no setie so bɛyɛ atreneefo ne no.
Romafo 5:19ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
8
Romafo 5:11
Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi.
Romafo 5:11ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား