1
Marko 8:35
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa; na nea ne kra befi ne nsa me ne asɛmpa no nti no, wobegye no nkwa.
ႏွိုင္းယွဥ္
Marko 8:35ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Marko 8:36
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?
Marko 8:36ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Marko 8:34
Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua, na onni m’akyi.
Marko 8:34ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Marko 8:37-38
Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra? Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ n’agya anuonyam mu no.
Marko 8:37-38ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Marko 8:29
Na obisaa wɔn sɛ: Na mo de, muse mene hena? Na Petro bua see no sɛ: Wone Kristo no.
Marko 8:29ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား