1
Marko 11:24
KYERƐW KRONKRON
RATB
Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.
ႏွိုင္းယွဥ္
Marko 11:24ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Marko 11:23
Na nokware mise mo sɛ, obiara a obese bepɔw yi sɛ: Ma wo ho so kɔhwe po mu na onnye akyinnye ne koma mu, na obegye adi sɛ nea ɔka no bɛba mu no, ɛbɛyɛ hɔ ama no.
Marko 11:23ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Marko 11:25
Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.
Marko 11:25ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Marko 11:22
Na Yesu bua see wɔn sɛ: Munnya Onyankopɔn mu gyidi!
Marko 11:22ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Marko 11:17
Na ɔkyerɛkyerɛe see wɔn sɛ: Wɔnkyerɛwee sɛ wɔbɛfrɛ me fi asɔrefi ama amanaman nyinaa? Na mo de, mode ayɛ adwowtwafo bon.
Marko 11:17ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Marko 11:9
Na wɔn a wodi anim ne wɔn a wodi akyiri teɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!
Marko 11:9ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Marko 11:10
Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro!
Marko 11:10ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား