1
Mateo 27:46
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnabiɛsa no, Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?
ႏွိုင္းယွဥ္
Mateo 27:46ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Mateo 27:51-52
Na hwɛ, ntama a etwa asɔredan no mu no mu tewee abien fi soro de besii fam, na asase wosowee, na abotan paapaee, na aboda buebuei, na nnipa kronkron a wɔawuwu no amu bebree nyannyanee
Mateo 27:51-52ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Mateo 27:50
Na Yesu de nne kɛse teɛɛm bio no, ogyaa ne honhom mu.
Mateo 27:50ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Mateo 27:54
Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!
Mateo 27:54ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Mateo 27:45
Na efi bɛyɛ awia dumien bere mu no, esum duruu asase nyinaa so kosii awia nnɔnabiɛsa.
Mateo 27:45ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Mateo 27:22-23
Pilato see wɔn sɛ: Ɛnne dɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kae sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! Ɛnna ose: Na bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteɛteɛɛm dennennen sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!
Mateo 27:22-23ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား