1
Mateo 16:24
KYERƐW KRONKRON
RATB
Ɛnna Yesu see n’asuafo no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na onni m’akyi.
ႏွိုင္းယွဥ္
Mateo 16:24ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Mateo 16:18
Na me nso mise wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo besi, na asaman apon remmu mfa so.
Mateo 16:18ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Mateo 16:19
Na mede ɔsoro ahenni ano nsafe mɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere asase so no, na wɔakyekyere no ɔsoro, na biribiara a wobɛsan asase so no na wɔasan no ɔsoro.
Mateo 16:19ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Mateo 16:25
Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no, ebefi ne nsa, na obiara a me nti ne kra bɛyera no de, ne nsa bɛka.
Mateo 16:25ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Mateo 16:26
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? Anaasɛ dɛn na onipa bɛma de asesa ne kra?
Mateo 16:26ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Mateo 16:15-16
Obisaa wɔn sɛ: Na mo nso, muse mene hena? Na Simon Petro buae sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!
Mateo 16:15-16ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Mateo 16:17
Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, efisɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na eyi kyerɛɛ wo, na m’agya a ɔwɔ ɔsoro no.
Mateo 16:17ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား