1
Yohane 5:24
KYERƐW KRONKRON
RATB
Mereka no nokware mu pa ara sɛ: Nea ɔte m’asɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmu mu, na watwam afi wu mu akɔ nkwa mu.
ႏွိုင္းယွဥ္
Yohane 5:24ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Yohane 5:6
Ɔno na Yesu huu no sɛ ɔda hɔ na ɔtee sɛ wakyɛ no, osee no sɛ: Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?
Yohane 5:6ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Yohane 5:39-40
Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛne nea edi me ho adanse, na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.
Yohane 5:39-40ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Yohane 5:8-9
Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew! Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na oyii ne kɛtɛ, na ɔnantewee. Nso da no yɛ homeda.
Yohane 5:8-9ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Yohane 5:19
Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu Agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.
Yohane 5:19ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား