1
Yohane 12:26
KYERƐW KRONKRON
RATB
Sɛ obi som me a, ma onni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfo nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bedi no ni.
ႏွိုင္းယွဥ္
Yohane 12:26ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
Yohane 12:25
Nea ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa; na nea ɔtan ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.
Yohane 12:25ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
Yohane 12:24
Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: awifua antɔ fam anwu a, ɛwɔ hɔ koro no ara; na sɛ ewu a, ɛsow aba pii.
Yohane 12:24ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
Yohane 12:46
Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no antena sum mu.
Yohane 12:46ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
Yohane 12:47
Na sɛ obi te me nsɛm na wannye anni a, me de, mimmu no atɛn; na mamma sɛ merebebu wiase atɛn, na mebae sɛ merebegye wiase.
Yohane 12:47ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
Yohane 12:3
Ɛnna Maria faa ngo huamhuam kronkron a ne bo yɛ den karibo biako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne ti nwi popaa ne nan ho; na ngo no huam yɛɛ ɔdan no mu ma.
Yohane 12:3ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
7
Yohane 12:13
wɔfofaa berɛw, na wofii adi sɛ wɔrekohyia no, na wɔteɛteɛɛm sɛ: Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!
Yohane 12:13ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
8
Yohane 12:23
Na Yesu buaa wɔn sɛ: Dɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no anuonyam.
Yohane 12:23ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား