1
2 Korintofo 4:18
KYERƐW KRONKRON
RATB
na yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ na atwam, na nneɛma a wonhu no na ɛtena hɔ daa.
ႏွိုင္းယွဥ္
2 Korintofo 4:18ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
2
2 Korintofo 4:16-17
Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa. Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn
2 Korintofo 4:16-17ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
3
2 Korintofo 4:8-9
Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntewee yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.
2 Korintofo 4:8-9ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
4
2 Korintofo 4:7
Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.
2 Korintofo 4:7ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
5
2 Korintofo 4:4
wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.
2 Korintofo 4:4ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
6
2 Korintofo 4:6
Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.
2 Korintofo 4:6ရွာေဖြေလ့လာလိုက္ပါ။
ပင္မစာမ်က္ႏွာ
သမၼာက်မ္းစာ
အစီအစဥ္မ်ား
ဗီဒီယိုမ်ား