1
Gyenesis 21:1
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na AWURADE bɛhwɛɛ Sara sɛnea ɔkae no, na Awurade yɛɛ Sara sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no.
താരതമ്യം
Gyenesis 21:1 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
2
Gyenesis 21:17-18
Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Onyankopɔn bɔfo fi soro frɛɛ Hagar ka kyerɛɛ no sɛ: Hagar, dɛn na ɛyɛ wo? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ nea ɔwɔ hɔ. Sɔre, ma abarimaa no so, na fa wo nsa so no mu; na mɛyɛ no ɔman kɛse.
Gyenesis 21:17-18 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
3
Gyenesis 21:2
Na Sara nyinsɛnee, na ɔwoo babarima maa Abraham ne nkwakorabere mu, bere a Onyankopɔn kaa no ho asɛm no mu.
Gyenesis 21:2 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
4
Gyenesis 21:6
Na Sara kae sɛ: Onyankopɔn ama me ɔserew, obiara a ɔbɛte no bɛserew ama me.
Gyenesis 21:6 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
5
Gyenesis 21:12
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: Mma abofra no ne w'afenaa asɛm no nnyɛ wo yaw, na nea Sara ka kyerɛ wo nyinaa, tie, na Isak mu na wɔbɛfrɛ w'asefo.
Gyenesis 21:12 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
6
Gyenesis 21:13
Na afenaa ba no nso, mɛyɛ no ɔman kɛse, efisɛ ɔyɛ w'aseni.
Gyenesis 21:13 പര്യവേക്ഷണം ചെയ്യുക
ആദ്യത്തെ സ്ക്രീൻ
വേദപുസ്തകം
പദ്ധതികൾ
വീഡിയോകൾ