1
Eksodɔs 2:24-25
KYERƐW KRONKRON
ATWDB
Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no. Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.
Compare
Eksodɔs 2:24-25 ખોજ કરો
2
Eksodɔs 2:23
Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.
Eksodɔs 2:23 ખોજ કરો
3
Eksodɔs 2:10
Na abofra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔdan ne ba. Na ɔtoo no din Mose, efisɛ ose: Nsu mu na miyii no fii.
Eksodɔs 2:10 ખોજ કરો
4
Eksodɔs 2:9
Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abofra yi kɔ kɔma no nufu ma me, na metua wo ka. Na ɔbea no faa abofra no kɔmaa no nufu.
Eksodɔs 2:9 ખોજ કરો
5
Eksodɔs 2:5
Na Farao babea sian baa asu no ano aguare, na ne mmaawa repase asu no kɔn so; na ohuu adaka no wɔ wura no mu no, ɔsomaa n'abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.
Eksodɔs 2:5 ખોજ કરો
6
Eksodɔs 2:11-12
Na Mose nyinii no, da bi ofii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ohui sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini. Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ohui sɛ obi nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no ade kum no, na ɔde no siee nwea mu.
Eksodɔs 2:11-12 ખોજ કરો