Eksodɔs 28
28
Asɔfo Ntade
(Eksodɔs 39.1-7)
1 #
1 Be 23.13; Eks 6.23 Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfi Israelfo mu mmra wo nkyɛn, na wɔabɛyɛ m'asɔfo: Aaron, Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar, Aaron mma no.
2Na pam kronkronyɛ ntade ma wo nua Aaron, anuonyam ne fɛw so. 3#Eks 31.3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa koma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntade no, na wɔmfa nyɛ no kronkron, na onni me sɔfo.
4 #
Eks 39.1-21
Na ntade a wɔmpam ni: Adɛbo ne asɔfotade ne batakari ne atade yuu a wɔanwene no adamadam ne abotiri ne abɔso; na wɔmpam kronkronyɛ ntade mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfo. 5Na wɔmfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa nyɛ.
6Na wɔmfa ntamanwene mu anyansadwuma so mfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotade no. 7Ennya mmati abien a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa. 8Na asɔfotade fɛfɛ no nkyekyɛmu mfi mu ara, sɛnea ne yɛbea no te, sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira. 9Na fa apopobibiri abo abien, na kurukyerɛw Israel mma no din wɔ so. 10Wɔn din no asia nkɔ ɔbo biako so, na wɔn din asia a aka no nso nkɔ ɔbo biako so, sɛ wɔn awo ntoatoaso te. 11Abodwumfo adwuma, nsɔanode nkurukyerɛwee na fa kurukyerɛw abo abien no so, sɛnea Israel mma no din te; na fa sika mfofaano twa ho hyia. 12Na fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so, na ɛnyɛ nkae abo mma Israelfo no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmati abien so nkɔ Awurade anim mfa nyɛ nkae. 13Na yɛ sika mfofaano 14ne sika ntweaban abien; wɔw no mmɛsa yɛ no sɛ nhama, na fa ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa no hyehyɛ mfofaano no so.
15Na yɛ atemmu adɛbo, ntamanwene mu anyansadwuma, yɛ no sɛnea asɔfotade no yɛbea te; sika, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ. 16Ɛnyɛ ahinanan, na wommukaw nto so; ne tenten nyɛ nsama, na ne trɛw nyɛ nsama. 17Na fa abo sisi mu, abo kyerɛpɛn anan: kyerɛpɛn a edi kan nyɛ bogyanambo, akratebo ne ahabammonobo; 18na kyerɛpɛn a ɛto so abien no nyɛ nsramabo, hoabo ne bɔwerɛbo; 19na kyerɛpɛn a ɛto so abiɛsa no nyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo; 20na kyerɛpɛn a ɛto so anan no nyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo; ne nsisimu no, sika mfofaano ntwa ho nhyia. 21Na abo no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano te, dumien, sɛ wɔn din no te; ɛnyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te. 22Na fa sika amapa yɛ adɛbo no so ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa sɛ nhama. 23Na yɛ adɛbo no so sika nkaa abien, na fa nkaa abien no hyehyɛ adɛbo no twea abien so. 24Na fa sika mmɛsa abien no toatoa adɛbo no twea so nkaa no mu. 25Na mmɛsa abien no ano abien a aka no, fa toatoa mfofaano abien no mu, na fa hyehyɛ asɔfotade no mmati abien no so anim fam. 26Na yɛ sika nkaa abien fa hyehyɛ adɛbo no twea abien no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotade no. 27Na yɛ sika nkaa abien bio fa hyehyɛ asɔfotade no afaafa abien no so anim fam wɔ ase a ɛbɛn ne ntoae no, asɔfotade no nkyekyeremu no so. 28Na wɔmfa bibiri nhama nkyekyere adɛbo no nkaa no nsuso asɔfotade no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotade no nkyekyeremu no atifi, na adɛbo no antwitwiw amfi asɔfotade no so. 29Na Aaron nsoa Israel mma din atemmu adɛbo no mu ne koma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkae daa yi.
30 #
Lew 8.8; Deut 27.21; Deut 33.8 Na fa Urim ne Tumim#28.30 URIM ne TUMIM: Ɛyɛ tete Israelfo no kwan bi a wɔfa so hu daakye mu nsɛm ne Onyankopɔn apɛde. no hyɛ atemmu adɛbo no mu, na sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfo no atemmu ne koma so, AWURADE anim daa.
31 #
Eks 39.22-26
Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotade no ase batakari. 32Na tokuru nna mfinimfini wɔ n'atifi, na wɔmfa ntamabena a wɔanwene mman tokuru no ano nhyia te sɛ nkatabo mu tokuru, na ansuane. 33Na mmuano no so no wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi nyɛ ateaa aba sɛso ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛn ntam ntam nhyia. 34Sika adɔmma ne ateaa aba, sika adɔmma ne ateaa aba ntwa batakari no mmuano ho nhyia. 35#Eks 30.21; Lew 16.2, 13 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛn kronkronbea hɔ AWURADE anim na ofi adi a, wɔate ne nnyigyei na wanwu.
36 #
Eks 39.30-31
Na boro sika amapa tratraa, na kurukyerɛw so sɛ nsɔanode nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE. 37Na fa fam bibiri hama so, na ɛntena abotiri no so; abotiri no anim na ɛmfam. 38Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusu biara a aba akronkronne a Israelfo yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛde kronkron nyinaa mu no; na ɛntena ne moma so daa, na ama AWURADE ani asɔ wɔn.
39 #
Eks 39.27-29
Na nwene nwera adamadam atade yuu no, na yɛ nwera abotiten, na yɛ adenwene abɔso.
40Na Aaron mma no nso, yɛ ntade ma wɔn, na yɛ abɔmu ma wɔn, na yɛ abotiri bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ. 41#Lew 8.12; Eks 29.9, 24 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfo, na dwira wɔn, na wonni me sɔfo. 42Na yɛ nwera ntwakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagyaw so mfi asen nkosi nsrɛkyiri. 43Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔremuka no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔanni mmusu na wɔanwu; ɛnyɛ daa atɔremude mma no ne n'asefo a wobedi n'akyi no.
Currently Selected:
Eksodɔs 28: ATWDB
Highlight
Copy
Compare
Share
Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.