YouVersion Logo
Search Icon

Yesaia 5

5
Bobeturo ho bɛ
1 # Yes 27.2; Dwom 80.8-15; Mar 12.1-9 Ma mento me dɔfo ho dwom,
me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho:
Me dɔfo wɔ bobeturo bi,
asasebereɛ kokoɔ bi so;
2na ɔfuntumm mu tutuu mu aboɔ,
na ɔtetɛɛ mu bobe pa,
na ɔtoo abantenten sii mu,
na ɔtuu mu nsakyi-amena nso;
na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba:
Ɛnna ɛsoo abuntwerɛ.
3Na afei, mo a motete Yerusalem
ne Yuda mmarima,
mesrɛ mo, mommu me ne me
bobeturo ntam atɛn.
4Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio
a menyɛeɛ?
Ɛdeɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛso bobe aba,
na aso abuntwerɛ yi?
5Na afei merema moahunu
deɛ merebɛyɛ me bobeturo no:
Mɛyi ɛho ban,
na mmoa adi,
mɛbubu ne fasuo,
na wɔatiatia so;
6mɛma no atɔ mpan,
wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu,
na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko,
na mɛhyɛ osuo
sɛ ɛnntɔ nngu so.
7Na asafo AWURADE bobeturo
ne Israel fie,
na Yuda mmarima ne
n’afuo a n’ani gye ho;
na ɔhwehwɛɛ atɛntenenee,
nanso hwɛ, mogyahwieguo;
ɔhwehwɛɛ tenenee,
nanso hwɛ, osu!
Due ahodoɔ nsia
8 # Mika 2.2 Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ,
wɔn a wɔde afuo ka afuo ho
kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio,
na mo nko ara motena
asase no soɔ.
9Asafo AWURADE aka agu m’aso mu sɛ:
Ampa ara, adan pii bɛdane fituo,
adan a ɛsoso na ɛyɛ fɛ rennya obi ntena mu;
10na bobeturo eka du no bɛma bobesa twahina baako pɛ,
na homer baako a wɔadua bɛma bat#5.10 BAT: Ne dodoɔ bɛyɛ sɛ galɔn du. baako pɛ.
11Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu
di mmorosa akyire,
wɔn a wɔsiri pɛ
ma nsa bo wɔn!
12 # Amos 6.5-6; Dwom 28.5 Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta,
ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ,
na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu,
na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.
13Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti;
na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ,
na sukɔm ade wɔn dɔm;
14enti Asamando atrɛ n’akɔnnɔ mu,
na ahaa n’anomu bayaa,
na Yerusalem animuonyamfoɔ ne nnipadɔm ne wɔn a wɔn ani ka wɔ mu no asiane akɔ hɔ.
15 # Yes 2.11 Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam,
na wɔabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase;
16na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu,
na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.
17Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea,
na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so.
18Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ,
na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,
19 # Yer 17.15; 2 Pe 3.4 wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare
nyɛ n’adwuma ntɛm
na yɛnhunu!
Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn
na ɛmmra ma yɛnhunu!
20Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa
ne papa sɛ bɔne,
wɔn na wɔde sum yɛ hann,
na wɔde hann yɛ sum,
wɔde nwononwono yɛ fremfrem,
na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!
21 # Mmb 3.7; Rom 12.17 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ
na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.
22Wɔnnue, nsanom mu akatakyie
ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!
23Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ,
na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no.
Ɔsɛeɛ atemmuo
24Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma
na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no,
saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ,
na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo,
ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara,
na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.
25 # Yes 9.12 Yei nti AWURADE bo fuu ne man,
na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn,
na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ,
na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ.
Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee,
na ne nsa mu atene ara.
26Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie,
na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano,
na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.
27Deɛ ɔbrɛ ne deɛ ɔsunti nni mu,
wɔrentɔ nko na wɔn ani renkum,
wɔn asene mu abɔsoɔ rensane,
na wɔn mpaboa homa rente.
28Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm,
na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu;
wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ,
na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.
29Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ,
na wɔbobom sɛ agyataburuwa,
wɔpɔ so kyere wɔn hanam,
wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
30Na wɔbɛworo atia wɔn da no
sɛdeɛ ɛpo worɔ,
na wɔhwɛ asase a,
na hwɛ, ahohiahia ne sum nie,
na hann redane wɔn so sum wɔ wiem hɔ.

Currently Selected:

Yesaia 5: ASW

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in