YouVersion Logo
Search Icon

1 Ahemfo 19

19
Elia aba pa
1 # 1 Ah 18.40 Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no. 2Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ. 3Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ.
4 # Hiob 7.16; Yona 4.3; Flp 1.23 Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom. 5Na ɔde ne ho too hɔ sesea bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi! 6Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔfam a wɔato no nnyansramma soɔ ne nsuo kuruwa si n’atifi; na ɔdidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae. 7Na AWURADE bɔfoɔ sane bɛkaa no ne mprenu soɔ sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa ma wo. 8#Eks 24.18 Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.
Onyankopɔn yi ne ho adi Horeb
9Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? 10#Yes 49.4; Rom 11.3; 1 Ah 18.22 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. 11#Eks 33.22 Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; nanso na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ; 12#Eks 34.6 na asasewosoɔ no akyiri no, ogya, na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no ɛnne bɔkɔɔ bi a. 13Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? 14#1 Ah 19.10; Dwom 69.9 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam: W’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. 15#2 Ah 8.13, 15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, sane si wo kwan so kɔ Damasko serɛ so; na sɛ woduru a, sra Hasael ngo si no Siria so hene; 16#2 Ah 9.2-3; 1 Ah 19.19 na Nimsi ba Yehu nso, sra no ngo si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ɔfiri Abel-mehola no deɛ, sra no si w’ananmu sɛ odiyifoɔ. 17Na deɛ ɔbɛfiri Hasael nkrantɛ ano no, Yehu bɛku no, na deɛ ɔbɛfiri Yehu nkrantɛ ano no, Elisa bɛku no. 18#Rom 11.4 Nanso mɛgya Israel mu nnipa mpemnson, nkotodwe a ɛnnya nkutoo Baal, ne ano a ɛnnya mfee n’ano.
Elisa frɛ
19Ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum; anantwie mpamho dummienu na ɛdi n’anim, na ɔno ne deɛ ɛtɔ so dummienu no na ɛrefuntum, na Elia sene baa ne nkyɛn, na ɔtoo ne ngusoɔ guu ne so. 20#Luk 9.61 Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi? 21Na ɔsane firii n’akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no.

Currently Selected:

1 Ahemfo 19: ASWDC

Highlight

Copy

Compare

Share

None

Want to have your highlights saved across all your devices? Sign up or sign in