1
Eksodɔs 32:1
KYERƐW KRONKRON
RATB
Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no.
Compare
Explore Eksodɔs 32:1
2
Eksodɔs 32:7-8
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔ, na wo man a wode wɔn fi Misraim asase so bae no redi asɛmmɔne; wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no.
Explore Eksodɔs 32:7-8
3
Eksodɔs 32:5-6
Na Aaron hui no, osii afɔremuka wɔ n'anim; na Aaron paee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ. Na wotuaa ahema bobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre; na ɔman no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.
Explore Eksodɔs 32:5-6
4
Eksodɔs 32:30
Na ade kyee no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo de, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia metumi mapata ama mo bɔne no.
Explore Eksodɔs 32:30