Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu din mafrɛ no, na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu, sɛ ɔmfa nnwen ho ne tirim na onni sika ne dwetɛ ne kɔbere, ne abo a wosen sisi ade mu ne nnuasen mu adwinni, na onni adwinhorow nyinaa.