1
Eksodɔs 23:25-26
KYERƐW KRONKRON
ATWDB
Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w'aduan ne wo nsu so, na mayi ɔyare mafi wo mu. Worenhu nea ɔpɔn anaa obonin wɔ w'asase so; wo nna dodow no mɛma adu.
Compare
Explore Eksodɔs 23:25-26
2
Eksodɔs 23:20
Hwɛ, meresoma ɔbɔfo adi w'anim akɔhwɛ wo ɔkwan mu, na ɔde wo akodu nea masiesie hɔ no.
Explore Eksodɔs 23:20
3
Eksodɔs 23:22
Na sɛ wutie ne nne ampa na woyɛ nea meka nyinaa a, ɛnne mɛyɛ w'atamfo tamfo na mahiahia w'ahohiafo ho.
Explore Eksodɔs 23:22
4
Eksodɔs 23:2-3
Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkodi nnipa dodow akyi nnan asɛm ani. Na ohiani nso, nhwɛ n'anim wɔ n'asɛm mu.
Explore Eksodɔs 23:2-3
5
Eksodɔs 23:1
Ntie atesɛm hunu. Wo ne ɔbɔnefo nnni nsawɔso sɛ wubedi nkontompo adanse.
Explore Eksodɔs 23:1