Asɛm a woreka akyerɛ yɛn AWURADE din mu yi, yɛrentie wo, na mmom yɛbɛyɛ biribiara a yɛaka sɛ yɛbɛyɛ, sɛ yɛbɛhye aduhwam ama ɔsoro hemmaa no, na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛn ne yɛn agyanom, yɛn ahemfo ne yɛn asafohene yɛeɛ, Yuda nkuro ne Yerusalem mmorɔno soɔ a aduane meemee yɛn, na yɛdii yie na yɛanhunu bɔne biara no.