na wama no aba mu, AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, ɛfiri sɛ moyɛɛ bɔne tiaa AWURADE, na moantie no, ama asɛm yi aba mo so. Na ɛfiri ɛnnɛ, mayi wo afiri nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wo nsa no mu, sɛ wopɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, bra na mɛma m’ani aku wo ho; na sɛ wompɛ sɛ wo ne me kɔ Babel a, ɛnneɛ ma no nka; hwɛ, asase no nyinaa na ɛda w’anim yi; faako a wonim sɛ ɛyɛ na wopɛ sɛ wokorɔ no, kɔ!