1
Eksodɔs 32:1
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.
Compare
Explore Eksodɔs 32:1
2
Eksodɔs 32:7-8
Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne; wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.
Explore Eksodɔs 32:7-8
3
Eksodɔs 32:5-6
Na Aaron hunuu sɛ wɔn ani gye ho no, ɔsii afɔrebukyia wɔ n’anim; na ɔpaee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ. Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.
Explore Eksodɔs 32:5-6
4
Eksodɔs 32:30
Na adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo deɛ, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia mɛtumi mapata ama mo bɔne no.
Explore Eksodɔs 32:30