1
1 Ahemfo 18:37
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo AWURADE ne Onyankopɔn, na wo nso woama wɔn akoma asane akyire aba.
Compare
Explore 1 Ahemfo 18:37
2
1 Ahemfo 18:36
Na afɔrebɔberɛ mu no, Odiyifoɔ Elia twe pinii, na ɔkaa sɛ: AWURADE, Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, nnɛ ma wɔnhunu sɛ wo na wone Onyankopɔn Israel mu, na mene w’akoa, na w’asɛm so na mayɛ adeɛ yi nyinaa.
Explore 1 Ahemfo 18:36
3
1 Ahemfo 18:21
Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.
Explore 1 Ahemfo 18:21
4
1 Ahemfo 18:38
Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.
Explore 1 Ahemfo 18:38
5
1 Ahemfo 18:39
Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn! AWURADE, ɔno ne Onyankopɔn!
Explore 1 Ahemfo 18:39
6
1 Ahemfo 18:44
Na ɛbaa sɛ, deɛ ɛtɔ so nson no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, mununkum ketewa bi te sɛ onipa nsa resɔre firi po mu. Na ɔse: Foro kɔka kyerɛ Ahab sɛ: Siesie wo nteaseɛnam na siane kɔ na osuo ansi wo kwan.
Explore 1 Ahemfo 18:44
7
1 Ahemfo 18:46
Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ n’abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.
Explore 1 Ahemfo 18:46
8
1 Ahemfo 18:41
Na Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Foro kɔ kɔdidi na nom. Na mete osu kɛseɛ nka.
Explore 1 Ahemfo 18:41
9
1 Ahemfo 18:43
Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Foro kɔ kɔhwɛ po fam. Na ɔforo kɔhwɛe, na ɔbɛkaa sɛ: Hwee nni hɔ. Na ɔse: Sane kɔ mprɛnson.
Explore 1 Ahemfo 18:43
10
1 Ahemfo 18:30
Ɛnna Elia ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Montwe mpini me! Na ɔman no nyinaa twe pinii no. Na ɔsiesiee AWURADE afɔrebukyia a abubuo no.
Explore 1 Ahemfo 18:30
11
1 Ahemfo 18:24
Na mommɔ mo nyame din, na me nso memmɔ AWURADE din, na onyame a ɔde ogya bɛgye soɔ no, ɔno ne Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ: Ɔsɛmpa!
Explore 1 Ahemfo 18:24
12
1 Ahemfo 18:31
Na Elia tasee aboɔ dummienu sɛ Yakob a AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Israel ne wo din no, mma mmusuakuo no ano sie.
Explore 1 Ahemfo 18:31
13
1 Ahemfo 18:27
Na ɛduruu awigyina no, Elia sii wɔn atwetweɛ goroo wɔn ho, na ɔkaa sɛ: Momfa nne kɛseɛ mfrɛ na onyame ne no! Sɛsɛɛ ɔredwene, anaasɛ wafiri adi rekɔgya ne nan, anaasɛ ɔnam kwan so; ebia wada, na wanyane.
Explore 1 Ahemfo 18:27
14
1 Ahemfo 18:32
Na ɔde aboɔ no sii afɔrebukyia, AWURADE din mu, na ɔtwaa ɛka a ɛbɛdi aba a wɔguo susuo adeɛ mmienu afɔrebukyia no ho hyiae.
Explore 1 Ahemfo 18:32