1
1 Ahemfo 17:14
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Esiam kuruwa no so renhwan, na ngo toa no so rente de bɛkɔ akɔsi da a AWURADE bɛma osuo atɔ agu asase no soɔ.
Compare
Explore 1 Ahemfo 17:14
2
1 Ahemfo 17:1
Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!
Explore 1 Ahemfo 17:1
3
1 Ahemfo 17:13
Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ.
Explore 1 Ahemfo 17:13
4
1 Ahemfo 17:12
Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.
Explore 1 Ahemfo 17:12
5
1 Ahemfo 17:9
Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.
Explore 1 Ahemfo 17:9
6
1 Ahemfo 17:16
na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.
Explore 1 Ahemfo 17:16
7
1 Ahemfo 17:15
Na ɔkɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔdii, ɔno ne ɔbaa no ne ne fiefoɔ, nna pii
Explore 1 Ahemfo 17:15
8
1 Ahemfo 17:10
Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.
Explore 1 Ahemfo 17:10
9
1 Ahemfo 17:4
Na wobɛnom asuo no mu nsuo, na mahyɛ anene sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ.
Explore 1 Ahemfo 17:4
10
1 Ahemfo 17:11
Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me.
Explore 1 Ahemfo 17:11
11
1 Ahemfo 17:6
Na anene brɛɛ no paanoo ne nam anɔpa, ne anwummerɛ, na ɔnomm asuo no mu nsuo bi.
Explore 1 Ahemfo 17:6
12
1 Ahemfo 17:7
Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so.
Explore 1 Ahemfo 17:7
13
1 Ahemfo 17:24
Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.
Explore 1 Ahemfo 17:24
14
1 Ahemfo 17:5
Na ɔsii mu kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ, na ɔkɔ kɔtenaa asuo Kerit a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho.
Explore 1 Ahemfo 17:5
15
1 Ahemfo 17:22
Na AWURADE tiee Elia nne, na abɔfra no kra sane baa ne mu, na ɔnyaa nkwa.
Explore 1 Ahemfo 17:22